Native Bible

2 Kings 10:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔsomaa abɔfoɔ kɔɔ Israel afanan nyinaa, kɔfrɛɛ wɔn a wɔsom Baal no nyinaa. Wɔn nyinaa ba bɛhyɛɛ Baal abosomfie* hɔ ma tɔ, firi tire kɔsi tire.

2 Kings 10:21 in English

2 Kings 10:21 · Berean Standard Bible

Then Jehu sent word throughout Israel, and all the servants of Baal came; there was not a man who failed to show. They entered the temple of Baal, and it was filled from end to end.

Context

19Momfrɛ Baal adiyifoɔ, asomfoɔ ne nʼabosomfoɔ nyinaa mmra. Monhwɛ sɛ wɔn mu biara bɛba, ɛfiri sɛ, merebɛbɔ Baal afɔdeɛ kɛseɛ. Obiara a ɔsom Baal a wamma no, wɔbɛkum no.” Na Yehu adwene ne sɛ, ɔbɛsɛe wɔn a wɔsom Baal no nyinaa. 20Afei, Yehu hyɛɛ sɛ, “Monhyia, mmɔ dwa anibereɛ so, na monsɔre Baal!” Enti, wɔyɛɛ saa. 21Ɔsomaa abɔfoɔ kɔɔ Israel afanan nyinaa, kɔfrɛɛ wɔn a wɔsom Baal no nyinaa. Wɔn nyinaa ba bɛhyɛɛ Baal abosomfie* hɔ ma tɔ, firi tire kɔsi tire. 22Na Yehu hyɛɛ deɛ ɔhwɛ ntadedaka no so no sɛ, “Hwɛ ma obiara a ɔsom Baal no nhyɛ batakari yi baako.” Enti, wɔkyekyɛɛ batakari maa wɔn. 23Na Yehu ne Rekab babarima Yehonadab kɔɔ Baal abosomfie hɔ. Yehu ka kyerɛɛ Baal asomfoɔ no sɛ, “Monhwɛ sɛ wɔn a wɔyɛ Baal asomfoɔ no nko ara na wɔwɔ ha. Mommma obiara a ɔsom Awurade no mma mu.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.