2 Korintofoɔ 7:13
2 Corinthians 7:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛno na ɛhyɛ yɛn nkuran no. Ɛnyɛ nkuranhyɛ a ɛhyɛɛ yɛn no nko. Tito nso nam gye a mogyee no maa nʼani gyeeɛ no so maa yɛn nso ani gyeeɛ.
2 Corinthians 7:13 in English
2 Corinthians 7:13 · Berean Standard Bible
On account of this, we are encouraged. In addition to our own encouragement, we were even more delighted by the joy of Titus. For his spirit has been refreshed by all of you.
Context
11Monhwɛ deɛ Onyankopɔn nam ho a ɔmaa mo werɛ hooɛ so ayɛ. Mopɛ sɛ mofiri mo akoma mu kyerɛ sɛ monni fɔ. Mo bo afu. Mo ho adwiri mo. Mo ho pere mo, pɛ sɛ mohunu sɛ atɛntenenee ayɛ adwuma. Moakyerɛ sɛ modi bem wɔ asɛm yi ho. 12Ɛwom sɛ metwerɛɛ saa krataa no deɛ, nanso ɛnyɛ obi a ɔyɛ bɔne anaa obi a wɔyɛ no bɔne enti na metwerɛeɛ. Metwerɛ bɛkyerɛɛ mo mu sɛdeɛ Onyankopɔn anim, mode mo ho nyinaa ama yɛn no. 13Ɛno na ɛhyɛ yɛn nkuran no.
Ɛnyɛ nkuranhyɛ a ɛhyɛɛ yɛn no nko. Tito nso nam gye a mogyee no maa nʼani gyeeɛ no so maa yɛn nso ani gyeeɛ. 14Mede mo ahoahoa me ho akyerɛ no na moanni me hwammɔ. Daa yɛka nokorɛ kyerɛ mo na hoa a mede mo hoahoa me ho kyerɛ Tito no nso aba mu. 15Enti, sɛ ɔkae sɛdeɛ mo nyinaa pɛɛ sɛ moyɛ ɔsetie ma no na mode obuo ne anidie gyee no fɛ so no a, ɛma ɔdɔ a ɔdɔ mo no mu den ara na ɛreyɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.