Native Bible

2 Corinthians 4:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yei kyerɛ sɛ owuo di ne dwuma wɔ yɛn mu ɛnna nkwa nso di ne dwuma wɔ mo mu.

2 Corinthians 4:12 in English

2 Corinthians 4:12 · Berean Standard Bible

So then, death is at work in us, but life is at work in you.

Context

10Mmerɛ nyinaa yɛn onipadua no soa Yesu wu a ɔwuiɛ no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nʼabrabɔ bɛda adi wɔ yɛn mu. 11Yɛn asetena mu nyinaa, Yesu enti, yɛte hɔ ma owuo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nʼabrabɔ bɛda adi wɔ yɛn onipadua a ɛwu no mu. 12Yei kyerɛ sɛ owuo di ne dwuma wɔ yɛn mu ɛnna nkwa nso di ne dwuma wɔ mo mu. 13Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Mekasaeɛ, ɛfiri sɛ, na megye di.” Saa honhom mu gyidie no ara so na ɛma yɛn nso yɛkasa, ɛfiri sɛ, yɛgye di. 14Yɛnim sɛ Onyankopɔn a ɔmaa Awurade Yesu sɔre firii awufoɔ mu no bɛma yɛne Yesu asɔre na ɔde yɛn abɛka mo ho wɔ nʼanim.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.