Native Bible

2 Corinthians 12:1 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛwom sɛ ahohoahoa ho nni mfasoɔ biara deɛ, nanso ɛsɛ sɛ mehoahoa me ho. Nanso, afei mɛka anisoadehunu ne adiyisɛm a Awurade ada no adi akyerɛ me no.

2 Corinthians 12:1 in English

2 Corinthians 12:1 · Berean Standard Bible

I must go on boasting. Although there is nothing to gain, I will go on to visions and revelations from the Lord.

Context

1Ɛwom sɛ ahohoahoa ho nni mfasoɔ biara deɛ, nanso ɛsɛ sɛ mehoahoa me ho. Nanso, afei mɛka anisoadehunu ne adiyisɛm a Awurade ada no adi akyerɛ me no. 2Menim Okristoni bi a mfeɛ dunan nie, biribi hwimm no de no kɔɔ ɔsoro. Mennim sɛ saa asɛm yi sii ampa ara anaasɛ ɛyɛ anisoadehunu. Onyankopɔn nko ara na ɔnim. 3Meti mu bio. Menim sɛ wɔhwimm saa ɔbarima yi kɔɔ Paradise. Bio mennim sɛ saa asɛm yi sii ampa ara anaasɛ ɛyɛ anisoadehunu. Onyankopɔn nko ara na ɔnim.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.