Native Bible

2 Corinthians 1:22 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

faa yɛn sɛ ne deɛ, ɛnna ɔde ne Honhom Kronkron no hyɛɛ yɛn akoma mu de sii deɛ ɔwɔ ma yɛn nyinaa so dua.

2 Corinthians 1:22 in English

2 Corinthians 1:22 · Berean Standard Bible

placed His seal on us, and put His Spirit in our hearts as a pledge of what is to come.

Context

20Ɔno mu na Onyankopɔn bɔhyɛ nyinaa awie pɛyɛ. Yei enti, yɛnam Yesu Kristo so ka “Amen” de hyɛ Onyankopɔn animuonyam. 21Afei, Onyankopɔn no ankasa na ɔma yɛne mo tumi gyina pintinn wɔ Kristo mu. Ɔno na ɔsraa yɛn 22faa yɛn sɛ ne deɛ, ɛnna ɔde ne Honhom Kronkron no hyɛɛ yɛn akoma mu de sii deɛ ɔwɔ ma yɛn nyinaa so dua. 23Mefrɛ Onyankopɔn sɛ mʼadanseɛ. Ɔnim mʼakoma mu. Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛnya kwan agye mo ahome enti na mankɔ Korinto no. 24Ɛnyɛ yɛn adwene ne sɛ yɛbɛhyɛ mo ama mo agye biribi adi, na mmom, mo ahotɔ enti na yɛne mo yɛ adwuma. Ɛfiri sɛ, ɛnam mo ankasa gyidie so na mobɛgyina pintinn.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.