Native Bible

2 Chronicles 9:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Anigyeɛ bɛn na saa nnipa yi renya? Adom bɛn na wo mpanimfoɔ a wɔne wowɔ ha anɔpa ne awia tie wo renya mfiri wo nyansa yi mu?

2 Chronicles 9:7 in English

2 Chronicles 9:7 · Berean Standard Bible

How blessed are your men! How blessed are these servants of yours who stand continually before you and hear your wisdom!

Context

5Ɔfiri ahodwirie mu ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Biribiara a metee wɔ me kurom a ɛfa deɛ woatumi ayɛ ne wo nyansa ho no yɛ nokorɛ. 6Mannye anni kɔsii sɛ mʼankasa mebaa ha, de mʼani kann bɛhunuiɛ. Nokorɛm, mante emu fa mpo. Wo nyansa no boro deɛ wɔka kyerɛɛ me no so koraa. 7Anigyeɛ bɛn na saa nnipa yi renya? Adom bɛn na wo mpanimfoɔ a wɔne wowɔ ha anɔpa ne awia tie wo renya mfiri wo nyansa yi mu? 8Awurade, wo Onyankopɔn yɛ kɛse ampa. Nʼani gye wo ho, enti ɔde wo asi ahennwa so sɛ di ɔhene ma no. Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn pɛ Israel asɛm dodo, na ɔpɛ sɛ saa ahennie yi tena afebɔɔ; wasi wo ɔhene sɛdeɛ wode nokorɛ ne atɛntenenee bɛbu ɔman no.” 9Afei, ɔmaa ɔhene no sikakɔkɔɔ akyɛdeɛ a ɛkari tɔno 4 ne nnuhwam pii ne aboɔdemmoɔ. Seba Ɔhemmaa nnuhwam a ɔde maa Salomo no so bi mmaa da.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.