Native Bible

2 Chronicles 9:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Afei, ɔhene no de asonse yɛɛ ahennwa kɛseɛ bi, na ɔde sikakɔkɔɔ amapa huraa ho.

2 Chronicles 9:17 in English

2 Chronicles 9:17 · Berean Standard Bible

Additionally, the king made a great throne of ivory and overlaid it with pure gold.

Context

15Ɔhene Salomo de sikakɔkɔɔ yɛɛ akokyɛm akɛseɛ ahanu a wɔde hamre boroeɛ, na sikakɔkɔɔ a wɔde yɛɛ emu biara no mu duru boro kilogram nson. 16Ɔsane yɛɛ sikakɔkɔɔ akokyɛm nketewa ahasa a wɔde hamre boroeɛ a na sikakɔkɔɔ a wɔde yɛɛ emu biara no mu duru bɛyɛ kilogram mmiɛnsa ne fa. Ɔhene no kɔkoraa saa akokyɛm yi wɔ Lebanon Kwaeɛ Ahemfie mu. 17Afei, ɔhene no de asonse yɛɛ ahennwa kɛseɛ bi, na ɔde sikakɔkɔɔ amapa huraa ho. 18Na ahennwa no wɔ ntrapoe nsia a wɔde sikakɔkɔɔ nantiasoɔ afam ho. Ahennwa no wɔ nsa wɔ benkum. Ne nifa na gyata sɛso nso gyinagyina afa ne fa wɔ ahennwa no ho. 19Salomo sane yɛɛ agyata sɛso dumienu a ɔbaako biara gyina atwedeɛ ntiasoɔ nsia no mu biara benkum ne nifa. Ahennwa biara nni ewiase a wɔbɛtumi de atoto Salomo deɛ no ho.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.