2 Berɛsosɛm 6:39
2 Chronicles 6:39 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
tie wɔn mpaeɛbɔ no firi soro, deɛ woteɛ hɔ. Di wɔn asɛm ma wɔn, na fa bɔne a wo nkurɔfoɔ ayɛ atia wo no kyɛ wɔn.
2 Chronicles 6:39 in English
2 Chronicles 6:39 · Berean Standard Bible
then may You hear from heaven, Your dwelling place, their prayer and petition, and may You uphold their cause. May You forgive Your people who sinned against You.
Context
37Na saa ahɔhosase no so, wɔde ahonu sane ba wo nkyɛn, bɔ mpaeɛ sɛ, ‘Yɛayɛ bɔne; yɛayɛ amumuyɛsɛm ne atirimuɔdensɛm,’ 38na sɛ wɔde wɔn akoma ne wɔn kra nyinaa ba wo nkyɛn, bɔ mpaeɛ fa asase a wode maa wɔn agyanom, saa kuropɔn yi a woayi ne saa asɔredan a masi de ahyɛ wo din animuonyam yi ho a, 39tie wɔn mpaeɛbɔ no firi soro, deɛ woteɛ hɔ. Di wɔn asɛm ma wɔn, na fa bɔne a wo nkurɔfoɔ ayɛ atia wo no kyɛ wɔn. 40“Ao me Onyankopɔn, tie mpaeɛ a wɔbɔ no wɔ ha no nyinaa. 41“Afei, Ao Awurade Onyankopɔn, sɔre na bra wʼahomegyebea,
a wɔde wʼapam Adaka fɛfɛ no abɛsi no.
“Ao Awurade Onyankopɔn, ma nkwagyeɛ mmra wʼasɔfoɔ so,
na wʼahotefoɔ nnya wʼayamyɛ mu anigyeɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.