2 Berɛsosɛm 36:6
2 Chronicles 36:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei, Babiloniahene Nebukadnessar kɔɔ Yerusalem, kɔko faeɛ. Ɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn guu Yehoiakim de no kɔɔ Babilonia.
2 Chronicles 36:6 in English
2 Chronicles 36:6 · Berean Standard Bible
Then Nebuchadnezzar king of Babylon came up against Jehoiakim and bound him with bronze shackles to take him to Babylon.
Context
4Misraimhene yii Yehoahas nuabarima Eliakim sɛ ɔhene foforɔ a ɔbɛdi Yuda ne Yerusalem so, na ɔsesaa Eliakim din yɛɛ no Yehoiakim. Na Neko faa Yehoahas sɛ ɔdeduani de no kɔɔ Misraim. 5Yehoiakim dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduonu enum, na ɔdii ɔhene Yerusalem mfirinhyia dubaako. Nanso, ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ne Onyankopɔn ani so. 6Afei, Babiloniahene Nebukadnessar kɔɔ Yerusalem, kɔko faeɛ. Ɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn guu Yehoiakim de no kɔɔ Babilonia. 7Nebukadnessar faa ademudeɛ a ɛwɔ Awurade Asɔredan no mu bi, de kɔguu nʼahemfie wɔ Babilonia. 8Yehoiakim ahennie ho nsɛm nkaeɛ, bɔne ahodoɔ a ɔyɛeɛ ne biribiara a wɔhunu tiaa no no wɔatwerɛ, agu Israel ne Yuda Ahemfo Nwoma mu. Na ne babarima Yehoiakyin bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.