2 Berɛsosɛm 36:17
2 Chronicles 36:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Enti, Awurade de Babiloniahene ba bɛko tiaa wɔn. Babiloniafoɔ no kunkumm Yuda mmabunu maa mpo, wɔtaa wɔn kɔɔ Asɔredan no mu. Na wɔannya ahummɔborɔ amma nnipa no. Wɔkunkumm mmɔfra ne mpanin, mmarima ne mmaa, ahoɔdenfoɔ ne ayarefoɔ. Onyankopɔn de wɔn nyinaa maa Nebukadnessar.
2 Chronicles 36:17 in English
2 Chronicles 36:17 · Berean Standard Bible
So He brought up against them the king of the Chaldeans,* who put their young men to the sword in the sanctuary, sparing neither young men nor young women, neither elderly nor infirm. God gave them all into the hand of Nebuchadnezzar,
Context
15Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn, somaa nʼadiyifoɔ sɛ wɔnkɔbɔ wɔn kɔkɔ mpɛn bebree, ɛfiri sɛ, na ɔwɔ ahummɔborɔ ma ne nkurɔfoɔ ne nʼAsɔredan no. 16Nanso, nnipa no dii saa Onyankopɔn abɔfoɔ no ho fɛ, amfa wɔn nsɛm no anyɛ hwee. Wɔdii adiyifoɔ no ho fɛ ara kɔsii sɛ Awurade abufuhyeɛ turiiɛ a biribiara antumi annwodwo ano. 17Enti, Awurade de Babiloniahene ba bɛko tiaa wɔn. Babiloniafoɔ no kunkumm Yuda mmabunu maa mpo, wɔtaa wɔn kɔɔ Asɔredan no mu. Na wɔannya ahummɔborɔ amma nnipa no. Wɔkunkumm mmɔfra ne mpanin, mmarima ne mmaa, ahoɔdenfoɔ ne ayarefoɔ. Onyankopɔn de wɔn nyinaa maa Nebukadnessar. 18Ɔhene no sane sesaa nneɛma no nyinaa, akɛseɛ ne nketewa a na wɔde som wɔ Onyankopɔn Asɔredan mu, ne ademudeɛ a na ɛwɔ Awurade Asɔredan no mu ne ahemfie hɔ nyinaa de kɔɔ Babilonia. Ɔde mmapɔmma nyinaa nso kɔeɛ. 19Afei, nʼakodɔm no too Onyankopɔn Asɔredan no mu ogya, bubuu Yerusalem afasuo no, hyee ahemfie no nyinaa, sɛee biribiara a ɛwɔ boɔ no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.