2 Berɛsosɛm 36:11
2 Chronicles 36:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛberɛ a Sedekia bɛdii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduonu baako, na ɔdii adeɛ wɔ Yerusalem mfirinhyia dubaako.
2 Chronicles 36:11 in English
2 Chronicles 36:11 · Berean Standard Bible
Zedekiah was twenty-one years old when he became king, and he reigned in Jerusalem eleven years.
Context
9Yehoiakyin bɛdii adeɛ no, na wadi mfirinhyia dunwɔtwe, nanso ɔdii adeɛ wɔ Yerusalem abosome mmiɛnsa ne dadu pɛ. Yehoiakyin yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. 10Afe a ɛdi ɛkan wɔ bosome a ɛdi ɛkan mu no, ɔhene Nebukadnessar frɛɛ Yehoiakyin sɛ ɔmmra Babilonia. Wɔfaa ademudeɛ bebree firii Awurade Asɔredan no mu de kɔɔ Babilonia saa ɛberɛ no. Na Nebukadnessar yii Yehoiakyin wɔfa Sedekia, sɛ ɔnni ɔhene wɔ Yuda ne Yerusalem. 11Ɛberɛ a Sedekia bɛdii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduonu baako, na ɔdii adeɛ wɔ Yerusalem mfirinhyia dubaako. 12Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade, ne Onyankopɔn ani so, na wammrɛ ne ho ase wɔ odiyifoɔ Yeremia a na ɔkasa ma Awurade no anim. 13Afei, ɔsɔre tiaa ɔhene Nebukadnessar wɔ ɛberɛ a na waka ntam adi nse wɔ Onyankopɔn din mu sɛ, ɔbɛdi no nokorɛ. Na Sedekia yɛ kyenkyenee ne asoɔden, na wampɛ sɛ ɔde ne ho bɛbata Awurade, Israel Onyankopɔn ho.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.