Native Bible

2 Chronicles 35:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛberɛ a Twam Afahyɛ no ho ahosiesie baa awieeɛ no, asɔfoɔ ne Lewifoɔ no gyinagyinaa wɔn afa sɛdeɛ ɔhene no ahyehyɛ ama akuakuo no.

2 Chronicles 35:10 in English

2 Chronicles 35:10 · Berean Standard Bible

So the service was prepared; the priests stood in their places and the Levites in their divisions according to the king’s command.

Context

8Ɔhene no mpanimfoɔ nso firi wɔn pɛ mu, boaa ɔmanfoɔ, asɔfoɔ ne Lewifoɔ no. Hilkia, Sakaria ne Yehiel a wɔyɛ Onyankopɔn Asɔredan no ho mpanimfoɔ nso maa asɔfoɔ no nnwammaa ne mmirekyie mma mpem mmienu ne ahansia ne anantwinini ahasa sɛ Twam Afahyɛ afɔrebɔdeɛ. 9Lewifoɔ ntuanofoɔ Kenania ne ne nuanom mmarima Semaia, Netanel, Hasabia, Yeiel ne Yosabad maa Lewifoɔ nnwammaa ne mmirekyie mma mpem enum ne anantwinini ahanum sɛ wɔn Twam Afahyɛ afɔrebɔdeɛ. 10Ɛberɛ a Twam Afahyɛ no ho ahosiesie baa awieeɛ no, asɔfoɔ ne Lewifoɔ no gyinagyinaa wɔn afa sɛdeɛ ɔhene no ahyehyɛ ama akuakuo no. 11Lewifoɔ no kunkumm Twam Afahyɛ nnwammaa no, na wɔde mogya no maa asɔfoɔ no, na wɔde petee afɔrebukyia no so wɔ ɛberɛ a na Lewifoɔ no redwa mmoa no. 12Wɔkyekyɛɛ ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ no maa ɔmanfoɔ no sɛdeɛ wɔn mmusua nkyekyɛmu no teɛ, na wɔatumi de abɔ afɔdeɛ ama Awurade, sɛdeɛ mmara a wɔatwerɛ agu Mose nwoma no mu kyerɛ. Saa ara na wɔyɛɛ anantwinini no nso.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.