Native Bible

2 Chronicles 34:32 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na ɔka kyerɛɛ obiara a ɔwɔ Yerusalem ne nnipa a wɔwɔ Benyamin no sɛ, wɔnhyɛ bɔ saa ara. Ɔmanfoɔ a wɔwɔ Yerusalem yɛɛ saa no, wɔde tii wɔne Onyankopɔn, wɔn agyanom Onyankopɔn apam no mu.

2 Chronicles 34:32 in English

2 Chronicles 34:32 · Berean Standard Bible

Then he had everyone in Jerusalem and Benjamin take a stand in agreement to it. So all the people of Jerusalem carried out the covenant of God, the God of their fathers.

Context

30Na ɔhene no ne Yuda ne Yerusalem manfoɔ nyinaa ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ, nnipa no nyinaa, firi ɔkɛseɛ so kɔsi akumaa so, kɔɔ Awurade Asɔredan no mu. Ɛhɔ na ɔhene no kenkanee apam nwoma a wɔhunuu no Awurade Asɔredan mu no kyerɛɛ wɔn. 31Ɔhene no gyinaa nʼafa wɔ afadum no nkyɛn, na ɔtii apam no mu wɔ Awurade anim. Ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔfiri nʼakoma ne ne kra nyinaa mu bɛdi Awurade ɔhyɛ nsɛm, ahyɛdeɛ ne mmara so. Ɔhyɛɛ bɔ sɛ, ɔbɛdi apam no mu nhyehyɛeɛ a wɔatwerɛ wɔ nwoma mmobɔeɛ no mu no so. 32Na ɔka kyerɛɛ obiara a ɔwɔ Yerusalem ne nnipa a wɔwɔ Benyamin no sɛ, wɔnhyɛ bɔ saa ara. Ɔmanfoɔ a wɔwɔ Yerusalem yɛɛ saa no, wɔde tii wɔne Onyankopɔn, wɔn agyanom Onyankopɔn apam no mu. 33Enti, Yosia yiyii ahoni a ɛyɛ akyiwadeɛ no firii Israel asase no nyinaa so. Na ɔhyɛɛ sɛ obiara nsom Awurade, wɔn Onyankopɔn. Na ne nkwa nna a aka no mu no nyinaa, wɔannane wɔn akyi ankyerɛ Awurade wɔn agyanom Onyankopɔn no da.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.