2 Berɛsosɛm 34:20
2 Chronicles 34:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei, ɔhyɛɛ Hilkia, Safan babarima Ahikam, Mika babarima Abdon, asɛnnie twerɛfoɔ Safan ne ɔhene ɔfotufoɔ Asaia sɛ,
2 Chronicles 34:20 in English
2 Chronicles 34:20 · Berean Standard Bible
and commanded Hilkiah, Ahikam son of Shaphan, Abdon * son of Micah,* Shaphan the scribe, and Asaiah the servant of the king:
Context
18Safan ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Ɔsɔfopanin Hilkia de nwoma mmobɔeɛ bi ama me.” Na Safan kenkan kyerɛɛ ɔhene. 19Ɛberɛ a ɔhene no tee mmara no mu nsɛm no, ɔde ahometeɛ sunsuanee ne ntadeɛ mu. 20Afei, ɔhyɛɛ Hilkia, Safan babarima Ahikam, Mika babarima Abdon, asɛnnie twerɛfoɔ Safan ne ɔhene ɔfotufoɔ Asaia sɛ, 21“Monkɔ Asɔredan no mu na mo ne Awurade nkɔkasa mma me ne Israel ne Yuda nkaeɛfoɔ nyinaa. Mommisa no nsɛm a wɔatwerɛ wɔ saa nwoma mmobɔeɛ a wɔahunu no ho nsɛm. Awurade abufuo aba yɛn so, ɛfiri sɛ, yɛn agyanom anni Awurade asɛm so. Yɛnyɛ deɛ nwoma mmobɔeɛ yi ka sɛ yɛnyɛ.” 22Hilkia ne mmarima a aka no kɔɔ odiyifoɔ baa Hulda a na ɔyɛ Tikwa babarima Salum yere ne Hasra a na ɔhwɛ Asɔredan mu adakaten so no nana nkyɛn, wɔ Yerusalem fa bi a wɔfrɛ hɔ sɛ Misne.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.