2 Berɛsosɛm 21:1
2 Chronicles 21:1 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛberɛ a Yehosafat wuiɛ no, wɔsiee no wɔ nʼagyanom nkyɛn wɔ Dawid kurom. Na ne babarima Yehoram dii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
2 Chronicles 21:1 in English
2 Chronicles 21:1 · Berean Standard Bible
And Jehoshaphat rested with his fathers and was buried with them in the City of David. And his son Jehoram reigned in his place.
Context
1Ɛberɛ a Yehosafat wuiɛ no, wɔsiee no wɔ nʼagyanom nkyɛn wɔ Dawid kurom. Na ne babarima Yehoram dii nʼadeɛ sɛ ɔhene. 2Yehoram nuanom mmarima a na wɔyɛ Yehosafat mmammarima foforɔ bi no ne Asaria, Yehiel, Sakaria, Asaria, Mikael ne Sefatia. 3Wɔn agya maa wɔn mu biara akyɛdeɛ a ɛsom bo, a ɛyɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne aboɔdenneɛ, na afei, ɔde Yuda nkuro a wɔabɔ ho ban no bi kyekyɛɛ wɔn. Na ɛsiane sɛ Yehoram yɛ abakan enti, ɔbɛyɛɛ ɔhene.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.