Native Bible

2 Chronicles 2:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

a ɔyɛ ɔbaa bi a ɔfiri Dan a ɛwɔ Israel babarima; nʼagya nso firi Tiro. Ɔyɛ sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere mfrafraeɛ ne nnadeɛ dwumfoɔ mapa. Na ɔwɔ abotwa, nnua adwinnie ne ntomanwono ho nyansa nso. Ɔyɛ ɔbenfoɔ wɔ ntoma bibire, tuntum ne kɔkɔɔ hyɛ mu. Na ɔtumi de serekyetam di dwuma nso. Afei nso, ɔyɛ nsemayifoɔ a ɔtumi di adwini biara a wɔde ma no. Ɔne wʼadwumfoɔ ne wɔn a me wura Dawid a ɔyɛ wʼagya no yii wɔn no bɛyɛ adwuma.

2 Chronicles 2:14 in English

2 Chronicles 2:14 · Berean Standard Bible

He is the son of a woman from the daughters of Dan, and his father is a man of Tyre. He is skilled in work with gold and silver, bronze and iron, stone and wood, purple, blue, and crimson yarn, and fine linen. He is experienced in every kind of engraving and can execute any design that is given him. He will work with your craftsmen and with those of my lord, your father David.

Context

12“Nhyira nka Awurade, Israel Onyankopɔn a ɔbɔɔ soro ne asase! Wama Dawid ɔba nyansafoɔ a wadom no adwene ne nteaseɛ a ɔbɛsi Asɔredan ama Awurade ne ahemfie ama nʼankasa ho. 13“Merebrɛ wo odwumfoɔ a ne nsa ano adwuma yɛ fɛ a wɔfrɛ no Huram-Abi. Ɔyɛ onyansafoɔ mapa 14a ɔyɛ ɔbaa bi a ɔfiri Dan a ɛwɔ Israel babarima; nʼagya nso firi Tiro. Ɔyɛ sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere mfrafraeɛ ne nnadeɛ dwumfoɔ mapa. Na ɔwɔ abotwa, nnua adwinnie ne ntomanwono ho nyansa nso. Ɔyɛ ɔbenfoɔ wɔ ntoma bibire, tuntum ne kɔkɔɔ hyɛ mu. Na ɔtumi de serekyetam di dwuma nso. Afei nso, ɔyɛ nsemayifoɔ a ɔtumi di adwini biara a wɔde ma no. Ɔne wʼadwumfoɔ ne wɔn a me wura Dawid a ɔyɛ wʼagya no yii wɔn no bɛyɛ adwuma. 15“Fa atokoɔ, ngo ne nsã a wokaa ho asɛm no bra. 16Nnua biara a ɛho hia no, yɛbɛtwa afiri Lebanon mmepɔ so, na yɛde ayɛ mpata agu nsuo ani, firi Ntam Ɛpo no mpoano akɔsi Yopa. Na ɛfiri hɔ no, wobɛtumi de akɔ Yerusalem.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.