Native Bible

2 Chronicles 18:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Enti, Israelhene frɛɛ ne mpanimfoɔ no baako ka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛ ntɛm kɔfrɛ Imla babarima Mikaia brɛ me.”

2 Chronicles 18:8 in English

2 Chronicles 18:8 · Berean Standard Bible

So the king of Israel called one of his officials and said, “Bring Micaiah son of Imlah at once.”

Context

6Nanso, Yehosafat bisaa sɛ, “Na Awurade odiyifoɔ biara nni ha? Mepɛ sɛ mebisa no asɛm korɔ no ara.” 7Ɔhene Ahab buaa sɛ, “Ɔbaako da so wɔ ha a ɔbɛtumi abisa Awurade ama me, nanso, mekyiri no. Ɔnhyɛ nkɔm biara sɛ nsɛm a ɛnyɛ. Ne din de Mikaia. Imla babarima ne no.” Yehosafat kaa sɛ, “Nkasa saa. Ma yɛntie asɛm a ɔwɔ ka.” 8Enti, Israelhene frɛɛ ne mpanimfoɔ no baako ka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛ ntɛm kɔfrɛ Imla babarima Mikaia brɛ me.” 9Israelhene Ahab ne Yudahene Yehosafat hyehyɛɛ wɔn ahentadeɛ yuu tenatenaa wɔn ahennwa so wɔ ayuporobea a ɛbɛn Samaria ɛpono ano hɔ. Na Ahab adiyifoɔ no nyinaa rehyɛ nkɔm wɔ wɔn anim. 10Na wɔn mu baako a ɔyɛ Kenaana babarima Sedekia de nnadeɛ yɛɛ mmɛn, na ɔdaa no adi sɛ, “Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Mode saa mmɛn yi bɛwowɔ Aramfoɔ yi ama wɔawuwu!”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.