Native Bible

2 Chronicles 18:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ahab bisaa no sɛ, “Wobɛboa me na mako atia Ramot-Gilead anaa?” Na Yehosafat buaa sɛ, “Adɛn, akyinnyeɛ biara nni ho. Me ne wo yɛ anuanom, na mʼakodɔm nso, wotumi kyerɛ wɔn deɛ wɔnyɛ. Yɛbɛboa wo, ama woako dodo.”

2 Chronicles 18:3 in English

2 Chronicles 18:3 · Berean Standard Bible

Ahab king of Israel asked Jehoshaphat king of Judah, “Will you go with me against Ramoth-gilead?” And Jehoshaphat replied, “I am like you, and my people are your people; we will join you in the war.”

Context

1Yehosafat yɛɛ ɔdefoɔ a na nʼanimuonyam nso korɔn. Ɔhyehyɛ maa ne babarima waree Israelhene Ahab babaa. 2Mfeɛ kakra bi akyi no, ɔkɔɔ Samaria kɔsraa Ahab. Ahab too ɛpono kɛseɛ bi maa ɔne ne mpanimfoɔ. Wɔkunkumm nnwan ne anantwie bebree, de too ɛpono no. Na Ahab korɔkorɔɔ Yehosafat sɛ ɔmmɛboa no, na ɔnkɔko ntia Ramot-Gilead. 3Ahab bisaa no sɛ, “Wobɛboa me na mako atia Ramot-Gilead anaa?” Na Yehosafat buaa sɛ, “Adɛn, akyinnyeɛ biara nni ho. Me ne wo yɛ anuanom, na mʼakodɔm nso, wotumi kyerɛ wɔn deɛ wɔnyɛ. Yɛbɛboa wo, ama woako dodo.” 4Afei, Yehosafat kaa sɛ, “Deɛ ɛdi ɛkan no, ma yɛmmisa Awurade hɔ afotuo.” 5Enti, ɔhene Ahab frɛɛ nʼadiyifoɔ ahanan bisaa wɔn sɛ, “Yɛnkɔko ntia Ramot-Gilead anaasɛ yɛnnkɔ?” Wɔn nyinaa buaa sɛ, “Monkɔ na Onyankopɔn bɛma moadi nkonim.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.