Native Bible

2 Chronicles 18:22 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Enti, woahunu sɛ Awurade de nkontompo honhom ahyɛ wʼadiyifoɔ no anom. Awurade adwene sɛ ɔde amanehunu bɛba wo so.”

2 Chronicles 18:22 in English

2 Chronicles 18:22 · Berean Standard Bible

So you see, the LORD has put a lying spirit in the mouths of these prophets of yours, and the LORD has pronounced disaster against you.”

Context

20kɔsii sɛ ne korakora no, honhom bi kɔɔ Awurade nkyɛn kɔkaa sɛ, ‘Mɛtumi ayɛ!’ ” Awurade bisaa sɛ, “ ‘Ɛkwan bɛn so na wobɛfa ayɛ yei.’ ” 21Na honhom no buaa sɛ, “Mɛkɔ akɔdaadaa Ahab adiyifoɔ, ama wɔadi atorɔ.” Awurade kaa sɛ, “Kɔ so yɛ, na wobɛdi nkonim. 22“Enti, woahunu sɛ Awurade de nkontompo honhom ahyɛ wʼadiyifoɔ no anom. Awurade adwene sɛ ɔde amanehunu bɛba wo so.” 23Na Kenaana babarima Sedekia kɔɔ Mikaia so, kɔbɔɔ no sotorɔ bisaa sɛ, “Da bɛn na Awurade honhom gyaa me bɛkasa kyerɛɛ wo?” 24Na Mikaia buaa sɛ, “Ɛrenkyɛre biara, wobɛhunu nokorɛ no wɔ ɛberɛ a wobɛdwane akɔtɛ kɔkoam dan bi mu.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.