1 Timoteo 6:5
1 Timothy 6:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
ne mansotwe a ɛfiri adwene a emu nnɔ mu na nokorɛ nni mu ba. Wɔdwene sɛ nyamesom yɛ kwan bi a wɔnam so pɛ sika.
1 Timothy 6:5 in English
1 Timothy 6:5 · Berean Standard Bible
and constant friction between men of depraved mind who are devoid of the truth. These men regard godliness as a means of gain.*
Context
3Ɛsɛ sɛ mokyerɛkyerɛ na moka yeinom nyinaa. Obiara a ɔbɛma nkyerɛkyerɛ foforɔ na ɔnka nokorɛ a ɛfa yɛn Awurade Yesu Kristo ne yɛn nyamesom ho no 4yɛ ɔhantanni a ɔnnim hwee. Ɔyɛ obi a ɔfiri adwemmɔne mu gye akyinnyeɛ na ɔka nsɛm a ɛnam so de anibereɛ, akasakasa, kasafi, nnipa ho adwemmɔne 5ne mansotwe a ɛfiri adwene a emu nnɔ mu na nokorɛ nni mu ba. Wɔdwene sɛ nyamesom yɛ kwan bi a wɔnam so pɛ sika. 6Onyamesom pa a abodwoɔ wɔ muo yɛ adenya kɛseɛ. 7Yɛamfa hwee amma ewiase. Saa ara nso na yɛremfa hwee nkɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.