1 Timoteo 6:10
1 Timothy 6:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na sikanibereɛ yɛ bɔne nyinaa nhini. Nnipa bi de sikanibereɛ asi wɔn ani so dendeenden nam so ama wɔapa wɔn gyidie ama awerɛhoɔ ahyɛ wɔn akoma ma.
1 Timothy 6:10 in English
1 Timothy 6:10 · Berean Standard Bible
For the love of money is the root of all kinds of evil. By craving it, some have wandered away from the faith and pierced themselves with many sorrows.
Context
8Ɛno enti, sɛ yɛwɔ aduane ne ntoma a, ɛno nko dɔɔso ma yɛn. 9Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔnya wɔn ho no kɔtɔ sɔhwɛ mu na ɛdane ɔhaw ma wɔn ma ɛtwe wɔn kɔ ɔsɛeɛ mu. 10Na sikanibereɛ yɛ bɔne nyinaa nhini. Nnipa bi de sikanibereɛ asi wɔn ani so dendeenden nam so ama wɔapa wɔn gyidie ama awerɛhoɔ ahyɛ wɔn akoma ma. 11Enti, wo a woyɛ Onyankopɔn onipa, twe wo ho firi yeinom nyinaa ho. Di tenenee, Onyamesom pa, gyidie, ɔdɔ, boasetɔ ne ɔdwoɔ akyi. 12Bɔ gyidie mu mmirikatuo no ho mmɔden na pere nya nkwa a ɛnni awieeɛ no ma wo ho, ɛfiri sɛ, saa abrabɔ yi enti na ɛberɛ a wodaa wo gyidie adi wɔ adansefoɔ bebree anim no, Onyankopɔn frɛɛ wo.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.