Native Bible

1 Timothy 2:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛno enti na wɔsomaa me sɛ ɔsomafoɔ ne amanamanmufoɔ ɔkyerɛkyerɛfoɔ sɛ menni gyidie ne nokorɛ no ho adanseɛ. Merenni atorɔ, mereka nokorɛ!

1 Timothy 2:7 in English

1 Timothy 2:7 · Berean Standard Bible

For this reason I was appointed as a preacher, an apostle, and a faithful and true teacher of the Gentiles. I am telling the truth; I am not lying about anything.

Context

5Onyankopɔn baako ne ntamgyinafoɔ baako a ɔka Onyankopɔn ne nnipa bom no, ɔno ne Kristo Yesu no. 6Ɔno na ɔde ne ho bɔɔ afɔdeɛ de gyee nnipa nyinaa nkwa no. Yei yɛ adansedie a ɛbaa ɛberɛ a ɛsɛ mu sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ wɔgye nnipa nyinaa nkwa. 7Ɛno enti na wɔsomaa me sɛ ɔsomafoɔ ne amanamanmufoɔ ɔkyerɛkyerɛfoɔ sɛ menni gyidie ne nokorɛ no ho adanseɛ. Merenni atorɔ, mereka nokorɛ! 8Mehwehwɛ sɛ nnipa a wɔwɔ ewiase afanan nyinaa de akoma a emu teɛ bɛma wɔn nsa so, na wɔabɔ mpaeɛ. 9Afei, mehwehwɛ sɛ mmaa bɛbrɛ wɔn ho ase na wɔafa ɛkwan a ɛfata so asiesie wɔn ho. Ma wɔmmɔ wɔn ti sɛ mmaa ahobrɛasefoɔ; mma wɔmmfa sika anaa adwinneɛ anaa ntadeɛ a ne boɔ yɛ den nsiesie wɔn ho.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.