1 Tesalonikafoɔ 3:7
1 Thessalonians 3:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Enti, yɛn haw ne yɛn amanehunu no mu no, moahyɛ yɛn nkuran,
1 Thessalonians 3:7 in English
1 Thessalonians 3:7 · Berean Standard Bible
For this reason, brothers, in all our distress and persecution, we have been reassured about you, because of your faith.
Context
5Yei enti, ɛsiane sɛ na asɛm no hyɛ me so enti, mesomaa Timoteo sɛ ɔmmɛhwehwɛ mo gyidie mu. Mewɔ anidasoɔ sɛ ɔbonsam ansɔ mo anhwɛ amma dwuma yɛadi no nyinaa anyɛ kwa. 6Afei, Timoteo afiri mo nkyɛn aba yɛn nkyɛn abɛka anigyesɛm a ɛfa mo gyidie ne mo dɔ ho asɛm akyerɛ yɛn. Waka akyerɛ yɛn sɛ daa modwene yɛn ho adwene pa na mopɛ sɛ mohunu yɛn sɛdeɛ yɛn nso yɛpɛ sɛ yɛhunu mo no ara pɛ. 7Enti, yɛn haw ne yɛn amanehunu no mu no, moahyɛ yɛn nkuran, 8ɛfiri sɛ, sɛ mogyina pintinn wɔ Awurade mu a, na ɛma yɛn nso yɛtumi gyina biribiara ano wɔ yɛn asetena mu. 9Ɛsɛ sɛ yɛda Onyankopɔn ase ma mo. Mo enti, yɛda Onyankopɔn ase sɛ moama yɛn ho asɛpɛ yɛn wɔ nʼanim.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.