1 Tesalonikafoɔ 2:2
1 Thessalonians 2:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Monim ayayadeɛ a wɔyɛɛ yɛn ne ɔyea a wɔyaa yɛn wɔ Filipi ansa na yɛreba mo nkyɛn wɔ Tesalonika. Ɛwom sɛ na nnipa bi tia yɛn deɛ, nanso yɛn Onyankopɔn hyɛɛ yɛn den maa yɛkaa Asɛmpa a ɛfiri ne mu no.
1 Thessalonians 2:2 in English
1 Thessalonians 2:2 · Berean Standard Bible
As you are aware, we had already endured suffering and shameful treatment in Philippi. But in the face of strong opposition, we were bold in our God to speak to you the gospel of God.
Context
1Anuanom, mo ankasa monim sɛ nsra a yɛbɛsraa mo no anyɛ ɔkwa. 2Monim ayayadeɛ a wɔyɛɛ yɛn ne ɔyea a wɔyaa yɛn wɔ Filipi ansa na yɛreba mo nkyɛn wɔ Tesalonika. Ɛwom sɛ na nnipa bi tia yɛn deɛ, nanso yɛn Onyankopɔn hyɛɛ yɛn den maa yɛkaa Asɛmpa a ɛfiri ne mu no. 3Asɛmpa a yɛka kyerɛɛ mo no mfiri adwemmɔne anaa nnaadaa mu, na mmom, deɛ yɛkaeɛ no yɛ nokorɛ turodoo. 4Daa yɛka nokorɛ sɛdeɛ Onyankopɔn hwehwɛ yɛn sɛ yɛnka no, ɛfiri sɛ, ɔpene so na ɔde Asɛmpa no nso ama yɛn sɛ yɛnka. Yɛmpɛ sɛ yɛsɔ nnipa ani, na mmom, Onyankopɔn a ɔsɔ yɛn adwene hwɛ no ani na yɛpɛ sɛ yɛsɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.