Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Enti, Samuel kaa Awurade kɔkɔbɔ no kyerɛɛ nnipa no.

1 Samuel 8:10 in English

1 Samuel 8:10 · Berean Standard Bible

So Samuel spoke all the words of the LORD to the people who were asking him for a king.

Context

8Ɛfiri ɛberɛ a meyii wɔn firi Misraim no bɛsi ɛnnɛ yi no, wɔakɔ so apo me akɔdi anyame foforɔ akyi; na ɛnnɛ yi, saa ara na wɔde reyɛ wo. 9Ɛno enti, tie wɔn, nanso bɔ wɔn kɔkɔ anibereɛ so, na ma wɔnhunu ɛkwan a ɔhene a ɔrebɛdi wɔn so no de wɔn bɛfa so.” 10Enti, Samuel kaa Awurade kɔkɔbɔ no kyerɛɛ nnipa no. 11“Sei na ɔhene ne mo bɛtena. Ɔhene bɛtwe mo mmammarima akɔfra nʼasradɔm mu, na wɔama wɔn atu mmirika adi ne nteaseɛnam anim. 12Ebinom bɛyɛ nʼakodɔm mu asahene, na ebinom nso ayɛ nkoa mu asomfoɔ. Wɔbɛhyɛ ebinom ma wɔafuntum nʼafuo, na wɔatwa nʼafudeɛ, na afoforɔ ayɛ nʼakodeɛ ne ne teaseɛnam ho nneɛma.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.