Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

wɔsuroeɛ. Na wɔkaa sɛ, “Anyame no aba wɔn sraban mu hɔ. Ɛnneɛ, asɛm ato yɛn! Yɛnhyiaa asɛm a ɛte sei bi da.

1 Samuel 4:7 in English

1 Samuel 4:7 · Berean Standard Bible

the Philistines were afraid. “The gods have entered * their camp!” they said. “Woe to us, for nothing like this has happened before.

Context

5Ɛberɛ a Israelfoɔ no hunuu sɛ wɔde Awurade Apam Adaka no reba nsraban no mu no, wɔn nyinaa bɔɔ ose maa asase wosoeɛ. 6Filistifoɔ no bisaa sɛ, “Ɛdeɛn na ɛrekɔ so yi? Ɛdeɛn osebɔ na ɛwɔ Hebrifoɔ sraban mu hɔ yi?” Wɔtee sɛ Awurade Apam Adaka no na abɛduru sraban mu hɔ no, 7wɔsuroeɛ. Na wɔkaa sɛ, “Anyame no aba wɔn sraban mu hɔ. Ɛnneɛ, asɛm ato yɛn! Yɛnhyiaa asɛm a ɛte sei bi da. 8Hwan na ɔbɛgye yɛn afiri saa Israel anyame atumfoɔ yi nsam? Wɔne anyame a wɔde owu yadeɛ ahodoɔ nyinaa bi sɛee Misraimfoɔ, ɛberɛ a Israelfoɔ wɔ ɛserɛ so hɔ no. 9Monnyere mo ho, Filistifoɔ! Monnyina sɛ mmarima; anyɛ saa a, Hebrifoɔ no bɛfa mo nkoa sɛdeɛ wɔyɛɛ yɛn nkoa no.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.