Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔka kyerɛɛ Eli sɛ, “Seesei ara na mefiri akono hɔ baeɛ. Nnɛ yi ara, na mewɔ hɔ.” Eli bisaa sɛ, “Na ɛkɔsii sɛn?”

1 Samuel 4:16 in English

1 Samuel 4:16 · Berean Standard Bible

“I have just come from the battle,” the man said to Eli. “I fled from there today.” “What happened, my son?” Eli asked.

Context

14Eli bisaa sɛ, “Saa nteateamu yi ase ne sɛn?” Ɔbɔfoɔ no yɛɛ ntɛm kɔɔ Eli, 15a na wadi mfeɛ aduɔkron nwɔtwe na nʼani afira no nkyɛn. 16Ɔka kyerɛɛ Eli sɛ, “Seesei ara na mefiri akono hɔ baeɛ. Nnɛ yi ara, na mewɔ hɔ.” Eli bisaa sɛ, “Na ɛkɔsii sɛn?” 17Ɔbɔfoɔ no buaa sɛ, “Israelfoɔ adi nkoguo. Israel akodɔm no mpem mpem atotɔ wɔ akono hɔ. Afei, wo mmammarima baanu a ɛyɛ Hofni ne Pinehas no nso wɔawuwu, na Onyankopɔn Apam Adaka no nso, wɔafa.” 18Ɔbɔfoɔ no kaa Onyankopɔn Apam Adaka no ho asɛm ara pɛ, Eli firi akonnwa a ɔte so mu wɔ abɔntenpono ho no te hwee nʼakyi. Ne kɔn mu buiɛ, ɛfiri sɛ, na wabɔ akɔkoraa a ne mu nso yɛ duru. Na wadi Israel anim mfirinhyia aduanan.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.