1 Samuel 4:11
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔfaa Onyankopɔn Apam Adaka no, na wɔkunkumm Eli mmammarima baanu a wɔyɛ Hofni ne Pinehas no.
1 Samuel 4:11 in English
1 Samuel 4:11 · Berean Standard Bible
The ark of God was captured, and Eli’s two sons, Hophni and Phinehas, died.
Context
9Monnyere mo ho, Filistifoɔ! Monnyina sɛ mmarima; anyɛ saa a, Hebrifoɔ no bɛfa mo nkoa sɛdeɛ wɔyɛɛ yɛn nkoa no.” 10Enti, Filistifoɔ no koo anibereɛ so, dii Israelfoɔ no so bio. Wɔn a wɔkunkumm wɔn no dɔɔso. Israelfoɔ ɔpeduasa na wɔkunkumm wɔn ɛda no. Wɔn a wɔnyaa wɔn ti didii mu no dwane kɔɔ wɔn ntomadan mu. 11Wɔfaa Onyankopɔn Apam Adaka no, na wɔkunkumm Eli mmammarima baanu a wɔyɛ Hofni ne Pinehas no. 12Ɛda no ara, ɔbarima bi firi Benyamin abusuakuo mu dwane firii akono hɔ bɛduruu Silo. Na watete ne ntadeɛ mu, de mfuturo ahura ne tiri mu, de kyerɛ nʼawerɛhoɔ. 13Na Eli retwɛn wɔ kwankyɛn baabi, pɛ sɛ ɔte ɔko no mu nsɛm, ɛfiri sɛ, na ne bo ntɔ ne yam koraa wɔ Onyankopɔn Apam Adaka no ho. Ɔbɔfoɔ no ba bɛkaa asɛm a asie no, wɔtee nteateamu bi wɔ kuro no mu nyinaa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.