1 Samuel 30:7
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na Dawid ka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Abiatar, sɛ, “Fa asɔfotadeɛ no brɛ me.” Na Abiatar de baeɛ.
1 Samuel 30:7 in English
1 Samuel 30:7 · Berean Standard Bible
Then David said to Abiathar the priest, the son of Ahimelech, “Bring me the ephod.” So Abiathar brought it to him,
Context
5Dawid yerenom baanu a wɔne Yesreelni Ahinoam ne Karmelni Abigail a na ɔyɛ Nabal yere no ka wɔn a wɔsoaa wɔn kɔeɛ no ho. 6Dawid ho yeraa no yie, ɛfiri sɛ, na mmarima no adwene ho sɛ wɔbɛsi no aboɔ, ɛsiane, wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa a wɔakyekye wɔn no enti. Nanso, Dawid nyaa ahoɔden wɔ Awurade, ne Onyankopɔn mu. 7Na Dawid ka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Abiatar, sɛ, “Fa asɔfotadeɛ no brɛ me.” Na Abiatar de baeɛ. 8Na Dawid bisaa Awurade sɛ, “Menti ɛdɔm no anaa? Mɛto wɔn anaa?”
Awurade buaa no sɛ, “Aane, ti wɔn. Na biribiara a wɔafa afiri mo nkyɛn no, mo nsa bɛka ne nyinaa.” 9Enti, Dawid ne ne mmarima ahansia no sii ɛkwan so. Ankyɛre biara na wɔduruu Besor asuwa no so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.