Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Saa ɔbarima no din de Nabal. Ne yere nso din de Abigail. Na ɔyɛ ɔbaa a ɔnim nyansa na ne ho nso yɛ fɛ. Nanso, na ne kunu a ɔyɛ Kalebni no mpɔeɛ, na ne suban nso nyɛ fɛ.

1 Samuel 25:3 in English

1 Samuel 25:3 · Berean Standard Bible

His name was Nabal, and his wife’s name was Abigail. She was an intelligent and beautiful woman, but her husband, a Calebite, was harsh and evil in his dealings.

Context

1Afei, Samuel wuiɛ na Israel nyinaa hyia yɛɛ no ayie. Na wɔsiee no wɔ ne kurom Rama. Na Dawid tu kɔɔ Maon ɛserɛ so. 2Na ɔbarima ɔdefoɔ bi a ɔfiri Maon a na ɔwɔ agyapadeɛ wɔ baabi a ɛbɛn akuraa Karmel. Na ɔwɔ mmirekyie apem ne nnwan mpensa. Na ɛyɛ mmoa ho nwi twitwa berɛ. 3Saa ɔbarima no din de Nabal. Ne yere nso din de Abigail. Na ɔyɛ ɔbaa a ɔnim nyansa na ne ho nso yɛ fɛ. Nanso, na ne kunu a ɔyɛ Kalebni no mpɔeɛ, na ne suban nso nyɛ fɛ. 4Ɛberɛ a Dawid tee sɛ Nabal retwitwa ne mmoa ho nwi no, 5ɔsomaa mmarima mmabunu edu kɔɔ ne nkyɛn. Ɔde nkra maa wɔn sɛ,

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.