1 Samuel 24:19
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sɛ obi nsa ka ne ɔtamfoɔ a, ɔgyaa no ma no kɔ kwa? Awurade nhyira wo wɔ ɛkwan a wode me afa so ɛnnɛ yi ho.
1 Samuel 24:19 in English
1 Samuel 24:19 · Berean Standard Bible
When a man finds his enemy, does he let him go away unharmed? May the LORD reward you with good for what you have done for me this day.
Context
17Ɔtoaa so sɛ, “Wotene sene me. Wode papa atua me bɔne so ka, nanso me deɛ mayɛ wo bɔne. 18Ampa ara woayɛ me papa a ɛboro so, ɛfiri sɛ Awurade de me hyɛɛ wo nsa a, anka wobɛtumi akum me nanso woanku me. 19Sɛ obi nsa ka ne ɔtamfoɔ a, ɔgyaa no ma no kɔ kwa? Awurade nhyira wo wɔ ɛkwan a wode me afa so ɛnnɛ yi ho. 20Afei mahunu sɛ, deɛ ɛbɛyɛ biara, wɔbɛsi wo ɔhene, na Israel ahemman no bɛdi yie wɔ wo pɛn so. 21Afei, suae Awurade din mu kyerɛ me sɛ, sɛ wobɛdi adeɛ a, worentwa mʼasefoɔ anaa worempepa me din mfiri mʼagya fie.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.