Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Hwan na Israelhene repɛ no akye no yi? Ɛsɛ sɛ ɔsɛe ne berɛ taataa obi a ne ho nni mfasoɔ sɛ ɔkraman funu anaa edwie?

1 Samuel 24:14 in English

1 Samuel 24:14 · Berean Standard Bible

Against whom has the king of Israel come out? Whom are you pursuing? A dead dog? A flea?

Context

12Awurade na ɔbɛhwɛ me ne wo ntam asɛm. Ebia, deɛ woayɛ enti, Awurade bɛtwe wʼaso wɔ deɛ wopɛ sɛ woyɛ me no ho, na me deɛ, merenha wo da. 13Ɛbɛ no se, ‘Abɔnefoɔ mu na bɔne firi ba.’ Enti, gye di sɛ, merenha wo. 14“Hwan na Israelhene repɛ no akye no yi? Ɛsɛ sɛ ɔsɛe ne berɛ taataa obi a ne ho nni mfasoɔ sɛ ɔkraman funu anaa edwie? 15Ma Awurade mmu atɛn nkyerɛ yɛn mu deɛ ɔdi bem, na ɔntwe ɛfɔdifoɔ no aso. Ɔno ne me kamafoɔ, na ɔbɛgye me afiri wo tumi ase.” 16Saulo buaa sɛ, “Me babarima Dawid, wo na worekasa yi?” Na ɔhyɛɛ aseɛ suiɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.