Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔbaeɛ no, Saulo kaa sɛ, “Tie! Ahitub ba.” Ɔbuaa sɛ, “Nana asɛm bɛn.”

1 Samuel 22:12 in English

1 Samuel 22:12 · Berean Standard Bible

“Listen now, son of Ahitub,” said Saul. “Here I am, my lord,” he replied.

Context

10Ahimelek bisaa Awurade deɛ Dawid nyɛ. Ɔsane maa no nnuane, na ɔde Filistini Goliat akofena no kaa ne ho.” 11Ɔhene no somaa sɛ wɔnkɔfa ɔsɔfoɔ Ahimelek ne ne fiefoɔ a na wɔyɛ asɔfoɔ wɔ Nob no nyinaa mmra. 12Wɔbaeɛ no, Saulo kaa sɛ, “Tie! Ahitub ba.” Ɔbuaa sɛ, “Nana asɛm bɛn.” 13Na Saulo bisaa no sɛ, “Adɛn enti na wo ne Dawid apam me tiri so, na womaa no burodo ne akofena, sane bisaa Awurade maa no. Adɛn enti na wohyɛ no nkuran sɛ ɔnyɛ dɔm ntia me na ɔmmɛto nhyɛ me so wɔ ha?” 14Ahimelek buaa sɛ, “Nana, mesrɛ mebisa sɛ, wʼasomfoɔ yi nyinaa mu no, obi wɔ hɔ a ɔyɛ nokwafoɔ te sɛ wʼase Dawid anaa? Hwɛ ɔyɛ wʼawɛmfoɔ nyinaa so safohene, na wɔbu no yie wɔ wo fidua mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.