Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Sɛ ɔka sɛ, ‘Ɛyɛ’ a, wobɛhunu sɛ biribiara da yie. Na sɛ nso ne bo fu, na ɔgye hwanyan a, wobɛhunu sɛ, ɔrehyehyɛ ho sɛ, ɔbɛkum me.

1 Samuel 20:7 in English

1 Samuel 20:7 · Berean Standard Bible

If he says, ‘Good,’ then your servant is safe, but if he is enraged, you will know he has evil intentions.

Context

5Dawid buaa sɛ, “Ɔkyena yɛbɛdi Ɔbosome Foforɔ Afahyɛ. Ɛberɛ biara, sɛ dapɔnna no duru saa a, me ne wʼagya to nsa didi. Nanso, ɔkyena deɛ, mɛkora me ho wɔ wiram ara kɔsi ne nnansa so anwummerɛ. 6Na sɛ wʼagya bisa sɛ mewɔ he a, ka kyerɛ no sɛ, ‘mesrɛɛ ɛkwan sɛ merekɔ me kurom Betlehem, na me ne me fiefoɔ akɔbɔ afirinhyia afɔdeɛ.’ 7Sɛ ɔka sɛ, ‘Ɛyɛ’ a, wobɛhunu sɛ biribiara da yie. Na sɛ nso ne bo fu, na ɔgye hwanyan a, wobɛhunu sɛ, ɔrehyehyɛ ho sɛ, ɔbɛkum me. 8Ɛda saa adɔeɛ yi adi kyerɛ me, sɛ adamfo a maka ntam adi nse akyerɛ wo, ɛfiri sɛ, yɛn nyinaa wɔ apam wɔ Awurade anim. Na sɛ ɛnte saa, na mayɛ bɔne atia wʼagya a, wo ara kum me. Nanso, mesrɛ wo, nyi me mma.” 9Yonatan teaam sɛ, “Ɛmpare me! Wo ara wonim sɛ, sɛ menim mʼagya nsusuiɛ no ho biribi a, anka maka akyerɛ wo dada.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.