Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na ne pea ano dadeɛ no te sɛ ntomanwomfoɔ nsadua mu tonton, na ano dadeɛ no kari dwetɛ bɛyɛ kilogram nson. Na ɛkyɛmkurani di nʼanim.

1 Samuel 17:7 in English

1 Samuel 17:7 · Berean Standard Bible

The shaft of his spear was like a weaver’s beam, and its iron point weighed six hundred shekels.* In addition, his shield bearer went before him.

Context

5Na ɔhyɛ kɔbere kyɛ, hyɛ kɔbere akotaadeɛ a akodeɛ bobɔ mu, na emu duru yɛ dwetɛ kilogram aduonum nson. 6Na ne nan nso, kɔbere nkatanan kata ho ɛna kɔbere pea nso sɛn nʼakyi. 7Na ne pea ano dadeɛ no te sɛ ntomanwomfoɔ nsadua mu tonton, na ano dadeɛ no kari dwetɛ bɛyɛ kilogram nson. Na ɛkyɛmkurani di nʼanim. 8Goliat bɛgyinaa hɔ teaam guu Israelfoɔ no so sɛ, “Akodɔm yi nyinaa na morebɛko anaa? Monyi mo mu baako na ɔmmɛko mma mo, na me nso mɛsi Filistifoɔ anan mu. Yɛbɛko de awie asɛm no ka! 9Sɛ mo onipa no tumi kum me a, yɛbɛyɛ mo nkoa. Na sɛ mekum no a, mobɛyɛ yɛn nkoa.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.