1 Samuel 17:32
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Dawid ka kyerɛɛ Saulo sɛ, “Mma hwee nha wo. Mɛkɔ na me ne Filistini yi akɔko.”
1 Samuel 17:32 in English
1 Samuel 17:32 · Berean Standard Bible
And David said to Saul, “Let no man’s heart fail on account of this Philistine. Your servant will go and fight him!”
Context
30Afei, ɔdanee ne ho ne afoforɔ kɔkasaeɛ. Ɔde asɛm korɔ no ara baeɛ, na mmarima no buaa no sɛdeɛ wɔaka dada no. 31Asɛm a Dawid kaeɛ no twaa nnipa bi asom, ma wɔkɔbɔɔ Saulo amanneɛ, enti ɔsoma kɔfrɛɛ no. 32Dawid ka kyerɛɛ Saulo sɛ, “Mma hwee nha wo. Mɛkɔ na me ne Filistini yi akɔko.” 33Saulo buaa Dawid sɛ, “Nka ahohwisɛm! Worentumi ne saa Filistini yi nko. Woyɛ abarimaa nanso, ɔno deɛ, ɔyɛ ɔsraani firi ne mmɔfraase.” 34Na Dawid ka tii mu sɛ, “Mahwɛ mʼagya nnwan ara, na sɛ gyata anaa sisi bi ba sɛ ɔrebɛkyere odwan ba bi afiri nnwankuo no mu a,
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.