1 Samuel 15:14
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Samuel bisaa sɛ, “Na adɛn ne nnwan ne anantwie su a mete yi?”
1 Samuel 15:14 in English
1 Samuel 15:14 · Berean Standard Bible
But Samuel replied, “Then what is this bleating of sheep and lowing of cattle that I hear?”
Context
12Adeɛ kyee no, Samuel sɔree ntɛm kɔhyiaa Saulo, nanso obi ka kyerɛɛ no sɛ, “Saulo kɔɔ Karmel sɛ ɔrekɔsi nkaeɛdum de ahyɛ ne ho animuonyam, na ɔfirii hɔ kɔɔ Gilgal.” 13Na Samuel hunuu no akyire no, Saulo kyeaa no anigyeɛ so sɛ, “Awurade nhyira wo. Madi Awurade ahyɛdeɛ no so.” 14Samuel bisaa sɛ, “Na adɛn ne nnwan ne anantwie su a mete yi?” 15Saulo gye too mu sɛ, “Ɛyɛ nokorɛ sɛ akodɔm no amfa wɔn nsa anka nnwan pa ne anantwie pa no. Nanso, wɔde yei rebɛbɔ afɔdeɛ ama Awurade, wo Onyankopɔn. Biribiara a ɛka ho no deɛ, yɛasɛe no.” 16Afei, Samuel ka kyerɛɛ Saulo sɛ, “Gyae! Tie asɛm a Awurade ka kyerɛɛ me anadwo a atwam yi.”
Saulo bisaa sɛ, “Ɛdeɛn asɛm?”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.