Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛda koro bi na wɔwɔ Silo no, Hana firii adi anwummerɛ bi a wɔadidi awie sɛ ɔrekɔ Awurade fie akɔbɔ mpaeɛ. Na ɔsɔfoɔ Eli te baabi a ɔtena daa wɔ Awurade fie ɛpono ano hɔ.

1 Samuel 1:9 in English

1 Samuel 1:9 · Berean Standard Bible

So after they had finished eating and drinking in Shiloh, Hannah stood up. Now Eli the priest was sitting on a chair by the doorpost of the temple of the LORD.

Context

7Na saa asɛm yi kɔɔ so afe biara. Ɛberɛ biara a wɔbɛkɔ Awurade fie no, Penina bɔ Hana akutia. Na yei ma Hana su na ɔnnidi mpo. 8Ɛba saa a, ne kunu Elkana bisa no sɛ, “Hana, ɛdeɛn asɛm? Adɛn enti na wonnidie? Adɛn enti na wo werɛ ahoɔ, sɛ wonni mma nti? Mensom bo mma wo, nsen sɛ anka wowɔ mmammarima edu mpo?” 9Ɛda koro bi na wɔwɔ Silo no, Hana firii adi anwummerɛ bi a wɔadidi awie sɛ ɔrekɔ Awurade fie akɔbɔ mpaeɛ. Na ɔsɔfoɔ Eli te baabi a ɔtena daa wɔ Awurade fie ɛpono ano hɔ. 10Hana firi awerɛhoɔ a ano yɛ den mu suiɛ, ɛberɛ a na ɔrebɔ Awurade mpaeɛ. 11Na ɔhyɛɛ bɔ sɛ, “Ao Awurade Otumfoɔ, sɛ wobɛhwɛ wo ɔsomfoɔ awerɛhoɔdie so, na wotie me mpaeɛbɔ ma me ɔbabarima a, ɛnneɛ mede no bɛsane ama wo. Ne nna a ɔbɛdi nyinaa ɔbɛyɛ wo dea. Deɛ ɛbɛyɛ adansedie sɛ wɔde no ama Awurade ne sɛ wɔremfa yiwan nka ne ti da.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.