Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Hana ankɔ bi. Ɔka kyerɛɛ ne kunu sɛ, “Sɛ abɔfra no twa nufoɔ a, mede no bɛkɔ Awurade fie na makɔgya no hɔ ama Awurade afebɔɔ.”

1 Samuel 1:22 in English

1 Samuel 1:22 · Berean Standard Bible

but Hannah did not go. “After the boy is weaned,” she said to her husband, “I will take him to appear before the LORD and to stay there permanently.”*

Context

20na anni da bi, ɔwoo ɔbabarima. Ɔtoo no edin Samuel na ɔkaa sɛ, “Mebisaa no firii Awurade nkyɛn.” 21Afe akyi no, Elkana, Penina, ne wɔn mma kɔɔ sɛ wɔrekɔbɔ afirinhyia afɔdeɛ ama Awurade. 22Hana ankɔ bi. Ɔka kyerɛɛ ne kunu sɛ, “Sɛ abɔfra no twa nufoɔ a, mede no bɛkɔ Awurade fie na makɔgya no hɔ ama Awurade afebɔɔ.” 23Elkana kaa sɛ, “Deɛ wogye di sɛ ɛyɛ ma wo biara no, yɛ. Tena ha ansa na Awurade mmoa wo mma wonni wo bɔhyɛ so.” Enti ɔbaa no tenaa fie hwɛɛ ne babarima no. 24Ɔtwaa no nufoɔ wieeɛ no, ɔde no kɔɔ Awurade asɔrefie wɔ Silo. Wɔde nantwinini a wadi mfeɛ mmiɛnsa ne esiam lita dunsia ne bobesa kakra baeɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.