Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na Elkana wɔ yerenom baanu. Na wɔn din de Hana ne Penina. Na Penina wɔ mma. Hana deɛ, na ɔnni ba.

1 Samuel 1:2 in English

1 Samuel 1:2 · Berean Standard Bible

He had two wives, one named Hannah and the other Peninnah. And Peninnah had children, but Hannah had none.

Context

1Na ɔbarima bi firi Ramataim-Sofim a ɛwɔ Efraim bepɔ asase so a ne din de Elkana. Na Elkana yi yɛ Yeroham babarima ne Elihu nana nso. Na wɔfiri Tohu fie, a ɛwɔ Suf abusua mu. 2Na Elkana wɔ yerenom baanu. Na wɔn din de Hana ne Penina. Na Penina wɔ mma. Hana deɛ, na ɔnni ba. 3Afe biara, na Elkana ne nʼabusuafoɔ kɔ Silo kɔsom, bɔ afɔdeɛ ma Otumfoɔ Awurade wɔ Awurade fie. Na Eli mmammarima baanu a wɔn din de Hofni ne Pinehas na wɔyɛ Awurade asɔfoɔ wɔ hɔ saa ɛberɛ no. 4Da biara a Elkana bɛba abɛbɔ afɔdeɛ no, ɔde ɛnam no mu nkyɛmu bi ma ne yere Penina ne ne mma no mu biara.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.