Native Bible

1 Peter 5:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔno na tumi wɔ no daa daa. Amen.

1 Peter 5:11 in English

1 Peter 5:11 · Berean Standard Bible

To Him be the power forever and ever. Amen.

Context

9Momfa gyidie nnyina pintinn nsi no ɛkwan ɛfiri sɛ, monim sɛ mo nuanom agyidifoɔ a wɔwɔ ewiase afanan nyinaa rehunu saa amane korɔ no ara bi. 10Na adom nyinaa Onyankopɔn a wafrɛ mo aba ne daa animuonyam no mu Kristo mu no, ɔno ara na sɛ monya hunu amane kakra ansa a, ɔbɛsiesie mo pɛ; ɔbɛma mo ase atim; ɔbɛhyɛ mo den; ɔbɛma mo anya nnyinasoɔ. 11Ɔno na tumi wɔ no daa daa. Amen. 12Me nua ogyidini Silwano na ɔboaa me maa metwerɛɛ saa krataa tiawa yi. Mepɛ sɛ mehyɛ mo nkuran na medi adanseɛ sɛ, yei yɛ Onyankopɔn adom kann. Monnyina mu dennen. 13Asafo a Onyankopɔn ayi wɔ Babilonia no ne me ba Marko kyea mo.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.