Native Bible

1 Peter 2:22 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Kristo anyɛ bɔne. Obiara ante atorɔsɛm biara amfiri nʼano.”

1 Peter 2:22 in English

1 Peter 2:22 · Berean Standard Bible

“He committed no sin, and no deceit was found in His mouth.”*

Context

20Na sɛ moyɛ bɔne na wɔhwe mo a, morennya ho mfasoɔ biara. Na sɛ moyɛ papa na wɔhwe mo na monya ho boasetɔ a, Onyankopɔn bɛhyira mo. 21Yei enti na Onyankopɔn frɛɛ mo, ɛfiri sɛ, Kristo no ankasa hunuu amane maa mo, de saa nhwɛsoɔ no gyaa mo, sɛdeɛ mobɛdi nʼanammɔn akyi. 22“Kristo anyɛ bɔne. Obiara ante atorɔsɛm biara amfiri nʼano.” 23Wɔbɔɔ no adapaa no, wammɔ wɔn bi antua ka. Ɔhunuu amane no, wampoopoo nʼani na ɔde nʼanidasoɔ nyinaa hyɛɛ Onyankopɔn a ɔyɛ Ɔtemmufoɔ pa no mu. 24“Kristo no ankasa soaa yɛn bɔne” wɔ ne honam mu kɔɔ asɛnnua no so sɛdeɛ yɛbɛwu ama bɔne na yɛatena ase tenenee mu. “Nʼakuro mu na moanya ayaresa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.