1 Petro 1:23
1 Peter 1:23 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛfiri sɛ, wɔawo mo foforɔ; wɔanwo mo ɛmfiri aba a ɛporɔ mu, na mmom, ɛfiri Onyankopɔn asɛm a ɛmporɔ mu.
1 Peter 1:23 in English
1 Peter 1:23 · Berean Standard Bible
For you have been born again, not of perishable seed, but of imperishable, through the living and enduring word of God.
Context
21Ɛnam ne so na mogyee Onyankopɔn a ɔnyanee no firii awufoɔ mu na ɔmaa no animuonyam no diiɛ. Ɛnam ne so ama mo gyidie ne mo anidasoɔ atim wɔ Onyankopɔn mu. 22Seesei a moayɛ ɔsetie ama nokorɛ no, mo ho ate. Ɛno enti, monnodɔ mo nuanom agyidifoɔ nokorɛ mu. Momfiri mo akoma nyinaa mu nnodɔ mo ho mo ho. 23Ɛfiri sɛ, wɔawo mo foforɔ; wɔanwo mo ɛmfiri aba a ɛporɔ mu, na mmom, ɛfiri Onyankopɔn asɛm a ɛmporɔ mu. 24Sɛdeɛ Atwerɛsɛm no aka no,
“Nnipa nyinaa te sɛ ɛserɛ;
na wɔn animuonyam te sɛ nhwiren.
Ɛserɛ no wu ma ne nhwiren no po, 25nanso Awurade asɛm no wɔ hɔ daa nyinaa.”
Yei ne asɛm a Asɛmpa no de brɛɛ mo.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.