1 Ahemfo 8:35
1 Kings 8:35 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Sɛ ɔsoro mu ato, na osuo ntɔ, ɛfiri sɛ, wo nkurɔfoɔ ayɛ bɔne atia wo, na afei, wɔbɔ mpaeɛ wɔ Asɔredan mu ha, bɔ wo din, ka wɔn bɔne, na wɔdane firi wɔn bɔne ho, ɛfiri sɛ, woatwe wɔn aso a,
1 Kings 8:35 in English
1 Kings 8:35 · Berean Standard Bible
When the skies are shut and there is no rain because Your people have sinned against You, and they pray toward this place and confess Your name, and they turn from their sins because You have afflicted them,
Context
33“Sɛ wɔdi wo nkurɔfoɔ Israel so, ɛfiri sɛ, wɔayɛ bɔne atia wo, na sɛ wɔdane ba wo nkyɛn, na wɔbɔ wo din frɛ wo, na wɔbɔ wo mpaeɛ wɔ Asɔredan mu ha a, 34ɛnneɛ, tie firi soro, na fa wɔn bɔne kyɛ wɔn, na ma wɔnsane nkɔ asase a wode maa wɔn agyanom no so. 35“Sɛ ɔsoro mu ato, na osuo ntɔ, ɛfiri sɛ, wo nkurɔfoɔ ayɛ bɔne atia wo, na afei, wɔbɔ mpaeɛ wɔ Asɔredan mu ha, bɔ wo din, ka wɔn bɔne, na wɔdane firi wɔn bɔne ho, ɛfiri sɛ, woatwe wɔn aso a, 36ɛnneɛ, tie firi soro, na fa wʼasomfoɔ, wo nkurɔfoɔ Israelfoɔ bɔne no kyɛ. Kyerɛ wɔn deɛ ɛyɛ, na ma osuo ntɔ ngu wʼasase a wode ama wo nkurɔfoɔ sɛ wɔn agyapadeɛ sononko no so. 37“Sɛ ɛkɔm si asase no so anaa ɔyaredɔm ba so anaa mfudeɛ nyarewa ba anaa ntutummɛ ne asa bɛgu mfudeɛ so, anaa wo nkurɔfoɔ atamfoɔ ba asase no so bɛtua wɔn nkuro a, sɛdeɛ ɔhaw no te biara no,
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.