Native Bible

1 Kings 6:31 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛkwan a wɔfa so kɔ kronkronbea mu hɔ no, Salomo de ngo dua yɛɛ apono mmienu a emu biara wɔ twɛtwɛwa enum.

1 Kings 6:31 in English

1 Kings 6:31 · Berean Standard Bible

For the entrance to the inner sanctuary, Solomon constructed doors of olive wood with five-sided doorposts.

Context

29Na kronkronbea mu afasuo ne ɛdan mu no, ɔdii adwini a ɛyɛ Kerubim mmɛdua ne nhwiren guu ho. 30Na ɔde sikakɔkɔɔ duraa adan mmienu no abrannaa so. 31Ɛkwan a wɔfa so kɔ kronkronbea mu hɔ no, Salomo de ngo dua yɛɛ apono mmienu a emu biara wɔ twɛtwɛwa enum. 32Saa apono no ho nso, na wɔadi Kerubim, mmɛdua ne nhwiren adwini, na ne nyinaa nso, ɔde sikakɔkɔɔ duraa ho. 33Afei, ɔde ngo dua yɛɛ aponnwa a emu biara wɔ twɛtwɛwa ɛnan a wɔfa hɔ kɔ asɔredan no mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.