Native Bible

1 Kings 5:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Enti, Huram maa Salomo ntweneduro ne pepeaa nnua sɛdeɛ ɔpɛ.

1 Kings 5:10 in English

1 Kings 5:10 · Berean Standard Bible

So Hiram provided Solomon with all the cedar and cypress timber he wanted,

Context

8Enti, Huram soma maa wɔde saa nkra yi kɔmaa Salomo sɛ, “Me nsa aka nkra a wode brɛɛ me no, na mɛyɛ wʼabisadeɛ a ɛfa nnua no ho no. Mɛtumi de ntweneduro nnua ne pepeaa nnua abrɛ wo. 9Mʼasomfoɔ de nnua no bɛfiri Lebanon mmepɔ so aba Po Kɛseɛ so, na wɔakyekyere abobɔ mu sɛ mpata. Afei wɔde bɛfa nsuo no ani de akɔ baabiara wobɛkyerɛ. Ɛno akyi yɛbɛsane mu, na yɛde nnua no abrɛ wo. Wode aduane a me fiefoɔ bɛdi bɛtua me ka.” 10Enti, Huram maa Salomo ntweneduro ne pepeaa nnua sɛdeɛ ɔpɛ. 11Na Salomo maa Huram atokoɔ afeduane akatua tɔno 3,600 de maa ne fidua ne ngo kronkron galɔn 120,000. 12Na Awurade maa Salomo nyansa a emu dɔ, sɛdeɛ ɔhyɛɛ no bɔ no. Na Huram ne Salomo yɛɛ asomdwoeɛ apam.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.