Native Bible

1 Kings 22:26 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Israelhene Ahab hyɛɛ sɛ, “Monkyere Mikaia, na momfa no nkɔma Amon a ɔyɛ kuro no mu amrado, na momfa no nkɔ me babarima Yoas nkyɛn.

1 Kings 22:26 in English

1 Kings 22:26 · Berean Standard Bible

And the king of Israel declared, “Take Micaiah and return him to Amon the governor of the city and to Joash the king’s son,

Context

24Ɛnna Kenaana babarima Sedekia kɔɔ Mikaia so, kɔbɔɔ nʼani so. Ɔbisaa no sɛ, “Da bɛn na Awurade honhom firii me mu, bɛkasa kyerɛɛ wo?” 25Na Mikaia buaa sɛ, “Ɛrenkyɛre biara, wobɛhunu nokorɛ no wɔ ɛberɛ a wobɛdwane akɔtɛ kɔkoam dan bi mu.” 26Israelhene Ahab hyɛɛ sɛ, “Monkyere Mikaia, na momfa no nkɔma Amon a ɔyɛ kuro no mu amrado, na momfa no nkɔ me babarima Yoas nkyɛn. 27Monka saa nhyɛ a ɛfiri ɔhene nkyɛn nkyerɛ wɔn sɛ, ‘Fa saa ɔbarima yi to afiase, na burodo ne nsuo nko na momfa mma no nni, kɔsi sɛ mɛsane afiri akono aba asomdwoeɛ mu.’ ” 28Nanso, Mikaia buaa sɛ, “Sɛ wosane ba asomdwoeɛ mu a, na ɛkyerɛ sɛ, Awurade amfa me so ankasa.” Na ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔgyinagyina hɔ, atwa ne ho ahyia no sɛ, “Saa asɛm a maka yi, monhyɛ no nso.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.