Native Bible

1 Kings 22:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

kɔsii sɛ ne korakora no, honhom bi kɔɔ Awurade nkyɛn kɔkaa sɛ, “Mɛtumi ayɛ!”

1 Kings 22:21 in English

1 Kings 22:21 · Berean Standard Bible

Then a spirit came forward, stood before the LORD, and said, ‘I will entice him.’* ‘By what means?’ asked the LORD.

Context

19Mikaia toaa so sɛ, “Tie deɛ Awurade ka. Mehunuu Awurade sɛ ɔte nʼahennwa so a ne sorofoɔ akodɔm nyinaa atwa ne ho ahyia wɔ ne nifa ne ne benkum so.” 20Na Awurade bisaa sɛ, “Hwan na ɔbɛtumi adaadaa Ahab, ama wakɔ ɔko atia Ramot Gilead, a ɛbɛtumi aba sɛ wɔbɛkum no wɔ hɔ?” Wɔsusuu nsɛm ahodoɔ bebree ho wɔ hɔ, 21kɔsii sɛ ne korakora no, honhom bi kɔɔ Awurade nkyɛn kɔkaa sɛ, “Mɛtumi ayɛ!” 22Awurade bisaa sɛ, “Ɛkwan bɛn so na wobɛfa ayɛ yei?” Na honhom no buaa sɛ, “Mɛkɔ akɔdaadaa Ahab adiyifoɔ, ama wɔadi atorɔ.” Awurade kaa sɛ, “Kɔ so yɛ, na wobɛdi nkonim. 23“Enti afei, Awurade de nkontompo honhom ahyɛ wʼadiyifoɔ anomu. Na Awurade adwene ɔhaw ne abɛbrɛsɛ ama wo.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.