Native Bible

1 Kings 19:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Enti, Isebel de saa nkra yi kɔmaa Elia sɛ, “Sɛ ɔkyena sɛsɛɛ na menkum wo, sɛdeɛ woakum nkurɔfoɔ yi a, anyame no nku me bi.”

1 Kings 19:2 in English

1 Kings 19:2 · Berean Standard Bible

So Jezebel sent a messenger to Elijah, saying, “May the gods deal with me, and ever so severely, if by this time tomorrow I do not make your life like the lives of those you killed!”

Context

1Ɛberɛ a Ahab duruu fie no, ɔkaa deɛ Elia ayɛ nyinaa ne sɛdeɛ wakunkum Baal adiyifoɔ nyinaa no kyerɛɛ Isebel. 2Enti, Isebel de saa nkra yi kɔmaa Elia sɛ, “Sɛ ɔkyena sɛsɛɛ na menkum wo, sɛdeɛ woakum nkurɔfoɔ yi a, anyame no nku me bi.” 3Elia tee nkra no, ɔsuroeɛ, enti ɔdwane de peree ne ti. Ɔkɔɔ kuro bi a ɛwɔ Yuda a wɔfrɛ no Beer-Seba, gyaa ne ɔsomfoɔ wɔ hɔ. 4Na ɔno nko ara nantee da mu nyinaa kɔɔ ɛserɛ so. Ɔkɔtenaa dutan bi a na ayɛ frɔmm ase, na ɔbɔɔ mpaeɛ sɛ anka ɔnwu. Ɔkaa sɛ, “Deɛ mahunu no ara dɔɔ me so, Awurade. Twa me nkwa so na mennyɛ nsene mʼagyanom.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.