1 Ahemfo 19:16
1 Kings 19:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei, sra Nimsi babarima Yehu, na ɔnyɛ Israelhene, na sra Safat babarima Elisa a ɔfiri Abel-Mehola, na ɔnsi wʼananmu sɛ me odiyifoɔ.
1 Kings 19:16 in English
1 Kings 19:16 · Berean Standard Bible
You are also to anoint Jehu son * of Nimshi as king over Israel and Elisha son of Shaphat from Abel-meholah to succeed you as prophet.
Context
14Ɔbuaa bio sɛ, “Mede ahoɔden asom Asafo Awurade Onyankopɔn. Nanso, Israelfoɔ abu apam a wɔne wo hyehyɛeɛ no so, nam so abubu wʼafɔrebukyia nyinaa, akunkum wʼadiyifoɔ a anka obiara. Me nko ara na maka, nanso wɔrepɛ me akum me nso.” 15Na Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “Sane wʼakyi kɔ baabi a wofiri baeɛ, na kɔ Damasko ɛserɛ so. Na sɛ woduru hɔ a, sra Hasael ngo, si no Aramhene. 16Afei, sra Nimsi babarima Yehu, na ɔnyɛ Israelhene, na sra Safat babarima Elisa a ɔfiri Abel-Mehola, na ɔnsi wʼananmu sɛ me odiyifoɔ. 17Obiara a ɔbɛdwane afiri Hasael ho no, Yehu bɛkum no, na obiara a ɔbɛdwane afiri Yehu ho nso no, Elisa bɛkum no. 18Yeinom akyi no, mɛbɔ nnipa afoforɔ mpem nson bi a wɔwɔ Israel a wɔnkotoo Baal, mfee nʼano da no ho ban.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.